Ezekiel 11

Israel Ntuanofo Atemmu

1Afei honhom no maa me so de me baa Awurade fi pon a ani kyerɛ apuei fam no ano. Na mmarima aduonu anum wɔ hɔ, na mihuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofo. 2Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, eyinom ne mmarima a wɔbɔ pɔw bɔne na wotu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu. 3Wɔkae se, ‘Bere a wɔde sisi afi no nnuu so ana? Kuropɔn yɛ dadesɛn, na yɛyɛ nam.’ 4Ɛno nti hyɛ nkɔm tia wɔn, hyɛ nkɔm, onipa ba.”

5Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me se menka se, “Sɛɛ na Awurade se: Saa na moreka, mo Israel akannifo, nanso minim nsusuwii a ɛwɔ mo adwene mu. 6Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyehyɛ ne mmɔnten so amaama.

7“Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Afunu a moatotow apete hɔ no yɛ nam na kuropɔn yi ne dadesɛn no, nanso mɛpam mo afi mu. 8Musuro afoa, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sɛɛ na Awurade se. 9Mɛpam mo afi kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafo nsa, na matwe mo aso. 10Mobɛtotɔ wɔ afoa ano, na mebu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei mubehu sɛ mene Awurade no. 11Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛnea dadesɛn bɔ nam a ɛwɔ mu no ho ban no; Mebu mo atɛn wɔ Israel asase so. 12Na mubehu sɛ mene Awurade no, efisɛ moanni mʼahyɛde so, moapo me mmara na nea aman a atwa mo ho ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.”

13Afei bere a migu so rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wui. Na mede mʼanim butuw fam suu dennen se, “Aa, Otumfo Awurade, wobɛtɔre Israel nkae yi ase koraa ana?”

14Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 15“Onipa ba, wo nuabarimanom, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israelfi nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho se, ‘Wɔne Awurade ntam kwan ware, na wɔde saa asase yi maa yɛn sɛ yɛn agyapade.’ ”

Nyankopɔn Hyɛ Israel Nnommum No Bɔ

16“Ɛno nti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so de, nanso bere tiaa bi mu no meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ so no so.’

17“Enti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mɛboaboa mo ano afi amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu so no asan aba, na mede Israel asase bɛsan ama mo.’

18“Wɔbɛsan aba so na wɔayiyi nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no nyinaa. 19Mɛma wɔn koma koro na mede honhom foforo ahyɛ wɔn mu; meyi wɔn komaden no na mama wɔn koma a ɛyɛ mmerɛw. 20Afei wobedi mʼahyɛde so na wɔahwɛ akora me mmara yiye. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. 21Nanso wɔn a wɔde wɔn koma ama nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no de, mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ti so, sɛɛ na Otumfo Awurade se.”

22Afei kerubim no ne wɔn nkyimii trɛtrɛw wɔn ntaban mu, na Israel Nyankopɔn anuonyam konkɔn wɔn so. 23Awurade anuonyam maa ne ho so fii kuropɔn no mu kogyinaa bepɔw a ɛwɔ apuei fam no atifi. 24Honhom no maa me so de me baa nnommum a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu.

Afei anisoade a mihuu no fii me so kɔɔ ɔsoro.
25Na mekaa biribiara a Awurade yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ nnommum no.
Copyright information for TwiAKNA